<<obibiara a ɔbɛhyɛ me bɔ (sɛ ɔbɛbɔ saa nneɛma mmienu yi ho ban no) ɛyɛ ade a ɛda n'abɔdwe mu ne ne nan ntam no, me nso mɛhyɛ no ɔsoro aheman mu ho bɔ>>

Sahal bin Sa'ad -Allah nnye no ntom- kaa sɛ; Allah somafoɔ -Allah nhyira ne n'asondwoeɛ nka no- kaa sɛ: <<obibiara a ɔbɛhyɛ me bɔ (sɛ ɔbɛbɔ saa nneɛma mmienu yi ho ban no) ɛyɛ ade a ɛda n'abɔdwe mu ne ne nan ntam no, me nso mɛhyɛ no ɔsoro aheman mu ho bɔ>>.
Sahih/Authentic. - Al-Bukhari

Ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- rebɔ yɛn amaneɛ ɛfa nneɛma mmienu bi ho a sɛ muslimini sɔ mu a; esipi sɛ ɔbɛwura ɔsoro aheman mu. Neɛ edikan: Worebɔ wo kɛtrɛma ma ho ban afiri kasa a ɛhyɛ Allah Okokuroko abufuo, Neɛ ɛtɔ so mmienu: worebɔ w'adagya ho ban sɛ wonkɔtɔ amumueɛsɛm mu. Ɛfiri sɛ saa honam akwaa mmienu yi taa de bɔne ba.

  1. Sɛ worebɔ wo kɛtrɛma ne w'adagya ho ban yɛ ɔkwan a ɛde obi wura ɔsoro aheman mu.
  2. Ɔbɔɔ kɛtrɛma ne adagya din pɔtee ɛfiri sɛ wɔnom ne bɔne nhini ma onipa wɔ asaase yi so ne atemmuada no.

Successfully sent!