Ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- rebɔ yɛn amaneɛ ɛfa Allah adom ne n'ahummɔborɔ ho, na sɛ na ɛyɛ muslimini bi suban sɛ ɔyɛ papa wɔ berɛ a ɔte apɔ na ɔyɛ temamuni a, na afei sɛ akwansideɛ bi ba a na sɛ ɔyare na sɛ ɔntumi nni saa dwuma no a, anaa sɛ akwantuo amma no annya adaagye a, anaasɛ akwansideɛ biara,na esipi sɛ wɔretwerɛ akatua a ahyɛ ma ma no, te sɛ neɛ nka ɔbɛyɛ no berɛ ɔte apɔ na ɔte ne man mu no.