explain-icon

exp

Ɔkɔmhyɛni no, -Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no-bɔ amanneɛ sɛ obibiara a ɔde biribi foforɔ a ɛnyɛ Nyankopɔn ne Ne din ahodoɔ ne Ne su ahodoɔ bɛdi nse no,wayi Nyankopɔn no bɔniayɛ anaa wayɛ mmataho; efiri sɛ nsedie de kɛseyɔ ma deɛ wɔde di nse no, na kɛseyɔ ɛwɔ hɔ de ma Nyankopɔn no nko ara;enti yɛmfa biribiara nni nse gye sɛ Nyankopɔn ne Ne din ahodoɔ no ne Ne su ahodoɔ no, anuonyam nka no. Na saa nsedie yi ka mmataho ketewa ho,nanso sɛ wo di nse ne biribi na woyɛ no kɛse te sɛ Nyame Tumfoɔ anaa sɛ ɛkyɛn saa a,afei na akɔ yɛ mmataho kɛseɛ.

explain-icon

fawaed

  • Ampa nsedie kɛseyɔ no yɛ Nyame Ɔhotefoɔ Kokuroko no kyɛfa nti yɛmfa biribi nni nse gye sɛ Nyame ne Ne din ahodoɔ ne Ne su ahodoɔ.
  • Na kɔmhyɛni asuafoɔ no ani gye ho sɛ wɔbɛhyɛ ma wɔayɛ papa na wɔabra bɔne,titire sɛ bɔne no fa mmataho ho a,anaa sɛ ɛfa annye annie ho a.
explain-icon

cats

explain-icon

more