explain-icon

exp

Ɔkɔmhyɛni - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - bɔ amaneɛ sɛ; Allah Okokuroko no kaa sɛ: ''esipi sɛ Ɔno ne neɛ Ɔsombo sene neɛ wɔde rebata No ho biara, na Ɔno ne Ɔdefoɔ wɔ biribiara so, na sɛ onipa bi di dwuma bi a ɛyɛ sotie na ɔdi no Allah nti ne obi foforɔ nti a, Allah gyae no na Ɔnnye ntom, na Wadane dwumadie no asan ama ne wura. Ɛno nti ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛte yɛn nnwumadie ho ma Allah Okokuroko no nko ara, ɛfiri sɛ Ɔhoteeni (Allah) no Ɔnnye dwumadie bi ntom agye neɛ ɔyɛɛ no krɔgyenn sɛ ɔde rehwehwɛ N'animuonyam Kronkron no.

explain-icon

fawaed

  • Ahwɛyie wɔ abosomsɛm ho, sɛ neɛ ne su teɛ biara, na ɛsi kwan sɛ (Allah) bɛgye dwumadie bi atom.
  • Worete nka wɔ Allah ahonyadeɛ ne Ne kɛseyɔ mu ka nneɛma a ɛboa ma obi dwumadie yɛ krɔgyenn (Allah nti).
explain-icon

cats

explain-icon

more