Abu Hurayrah, - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - sɛ ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: <<O Awurade! ''Mesrɛ sɛ ɛmma me nna so nnyɛ ɔbosom /abosomfie, Allah adome kuo bi a wɔfaa wɔn akɔmhyɛfoɔ nna so sɛ nyamesombea (asoredan)>>. Sahih/Authentic. - Ahmad
explain-icon

exp

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no su frɛɛ n'Awurade Nyankopɔn sɛ ma Ɔnyɛ ne nna so sɛ ɔbosom a nnipa som no wɔ berɛ wɔrekrɔn no, na wɔde wɔn ani rekyerɛ so berɛ a wɔde wɔn moma bɛbutu fam wɔ ahobraseɛ mu, afei ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ ''esipi sɛ Allah atwe na Wapam obi a ɔfa akɔmhyɛfoɔ nna so sɛ nyamesombea; ɛfiri sɛ worefa no sɛ nyamesombea ma kwan ma ɔsom no na ɔnya mu gyedie''.

explain-icon

fawaed

  • Sɛ woretra hyeɛ wɔ akɔmhyɛfoɔ ne apapafoɔ nna so no ma kwan ma wɔsom no a ɔnsom Allah, na ɛfata sɛ wɔyɛ ahwɛyie wɔ saa abosomsom kwan no so.
  • Ɛmfata sɛ wɔkrɔn obi nna so na wɔsom wɔ so ɛmfa ho sɛ neɛ oniakorɔ bɛn Allah Okokuroko no.
  • Bra a Wabra sɛ wɔsi nyamesombea wɔ obi nna so.
  • Bra a Wabra sɛ wɔyɛ asore wɔ amusieɛ ɛmpo sɛ wɔsii no sɛ nyamedan a, agye mu a wɔanyɛ owufosom annwu no so.
explain-icon

cats

explain-icon

more