Firi Abu Hurairah hɔ, Onyankopɔn ani nnye no,ho ɔkaa sɛ: Wɔkaa sɛ, O Onyankopɔn Somafoɔ, hwan na ɔbɛnya anigyeɛ wɔ nnipa mu wɔ wo ntamgyina mu wɔ Owusɔreɛ Da no? Nyame Somafoɔ, Nyame nhyira ne asomdwoe nka no, kaa sɛ: “Mesusuu sɛ, O Abu Hurairah, sɛ obiara remmisa me saa Hadith yi nnya wo, berɛ a mehunuu sɛ wo ho pere wo fa Hadith no ho no,nnipa a ɔbɛnya anigyeɛ wɔ me ntamgyina no ho wɔ Wusɔreɛ Da no, ne obi a ɔka sɛ Nyame biara nni hɔ gye sɛ Allaah, wɔ gyidie mu firi n’akoma mu anaa ne kra mu. Sahih/Authentic. - Al-Bukhari
explain-icon

exp

Ɔkɔmhyɛni no, Onyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, ka kyerɛ yɛn sɛ nnipa a wɔn ani gye paa wɔ ne ntamgyina mu wɔ Owusɔreɛ Da no ne deɛ ɔka sɛ: “Onyame biara nni hɔ gye Onyankopɔn (Allaah) wɔ nokorɛ mu firi n’akoma mu,” a ɛkyerɛ sɛ, biribiara nni hɔ a yɛsom no nokorɛ mu gye sɛ Nyankopɔn(Allaah), na wade ne ho afiri mmatahosom ne nyɛkyerɛ ho.

explain-icon

fawaed

  • Adansedie a ɛkyerɛ sɛ ntamgyina no wɔ ɔkɔmhyɛni no, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, wɔ owuo akyi asetena mu, na ɛyɛ wɔn a wɔgye onyame baako pɛ no nko ara die.
  • Ne ntamgyina, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, yɛ n’adesrɛ ma Onyankopɔn Tumfoɔ ma wɔn a wɔgye onyame baako a wɔmfata sɛ wɔwura egya no mu, na wɔn a wɔawura mu no nso mfiri mu.
  • Onyame baako no mu gyidie asɛm mu nneyɛɛ pa wɔ nokorɛ mu no nyinaa wɔ Nyankopɔn(Allaah)Tumfoɔ ne ne nsunsuanso kɛseɛ.
  • Asɛmfua onyame baako mu gyidie ntease nam nimdeɛ so ne dwumadie a ɛne no kɔ.
  • Abu Hurairah suban pa, Onyankopɔn ani nnye ne ho, ne n’anigyeɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛnya nimdeɛ.
explain-icon

cats

explain-icon

more